Psalms 137

Israelfo abooboodi

1Yɛtenaa Babilon nsubɔnten ho.
Ɛhɔ na yesui bere a yɛkaee Sion no.
2Yɛde yɛn asanku sensɛn nnua a ɛbemmɛn hɔ so.
3Wɔn a wɔkyeree yɛn dommum no ka kyerɛɛ yɛn se, yɛnto nnwom mfa nnye wɔn ani. “Monto Sion ho dwom.”
4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato dwom ama Awurade wɔ ananafo asase so?
5Sɛ me werɛ fi wo Yerusalem a, ɛnsɛ sɛ mitumi bɔ sanku no bio!
6Sɛ mekae wo na mannwene wo ho sɛ mʼahosɛpɛw a, ɛnsɛ sɛ mitumi to dwom bio.
7 Awurade, kae nea Edomfo yɛe da a wɔfaa Yerusalem dommum no.
Kae nea wɔka tii mu no se, “Bubu no gu fam!” no.
8Babilon, wɔbɛsɛe wo.
Nhyira nka nea obetua mo nea moyɛ yɛn no so ka;
9nea ɔfaa mo nkokoaa na ɔpɛtɛw wɔn ɔbotan so no.
Copyright information for TwiNAK